Svoboda | Graniru | BBC Russia | Golosameriki | Facebook
Transfiguration pending
Jump to content

Dwoa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dwoa
symptom or sign
subclass ofimmune disorder, lymph node disease, clinical sign, lymphatic system symptom Sesa
health specialtyangiology Sesa
ICPC 2 IDB02 Sesa
NCI Thesaurus IDC50764 Sesa

Dwoa (brɔfo kasa mu, Lymphadenopathy) yɛ yare a ɛba ntini no mu, a ne kɛse anaa ma ɔte no ne deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ daa no nhyia.[1] Dwoa kyerɛ ntini biako anaa nea ɛboro saa a ɛho ahonhon. Ntini yi ho yɛ te sɛ adua su na etumi ba wɔ kɔn, asen, koko, ne yafunu mu.

Ma ɛde ba

[sesa]
Dwoa ho mfonyi
Dwoa a ɛbɔ obi kɔn ase

Ghana no, nyarewa a ɛde Dwoa ba no bi nye:

Nsanyare Tuberculosis (TB)

[sesa]

TB yɛ ɔmanfo akwahosan ho asɛm titiriw wɔ Ghana. Lymph node TB, titiriw wɔ awotwaa no fa no abu so na ɛtaa ba sɛ ɔyar a enni sabea a ɛnyɛ yaw yi ne ti a.[2][3]

HIV/AIDS

[sesa]

HIV/AIDS yare mmoawa a ɛma nipadua no mu tumi a ɛko tia nyarewa no nyɛ adwum yie no taa ma obi nya Dwoa kɛse a ɛkɔ akyiri.

Atiridii

[sesa]

Ɛwom sɛ ɛntaa ne dwoa nni abusuabɔ de, nanso atiridii a emu yɛ den anaa enni sabea betumi ama ntini ho ahonhon.

Mmoawa a Wɔde Nyarewa Ba

[sesa]

Tebea horow te sɛ atiridinini ne honam ani yare a mmoawa de ba betumi ama obi anya dwoa ɛwɔ nnipadua no fa baabiara.

Sɛnkyerɛnne

[sesa]

Dwoa betumi de sɛnkyerɛnne ahorow aba, a nipadua mu yaw, atiridiinini, ne aduan ho akɔnnɔ a ɛyera ka ho. Ɔhome mu sɛnkyerɛnne te sɛ ɛwabɔ anaa hwenemusie nso abu so, a ɔbrɛ ne tipaeɛ ka ho.

Bio nso, ntini a ahonhon no betumi ayɛ mmerɛw anaasɛ ɛbɛyɛ yaw sɛ wode wo nsa ka a, na ebia wubehu akuru a wotumi hu wɔ honam ani wɔ mmeae te sɛ kɔn, abasa, anaa asen.[4]

Nsɔano

[sesa]

Dwoa a wodi ho dwuma wɔ Ghana no hwehwɛ sɛ wonya akwahosan ho nhyehyɛe a ɛyɛ papa a ebetumi ahu nyarewa ahorow a ɛde dwoa no bae na ama woahu sɛnea wobedi ho dwuma. Ɔmanfo akwahosan dawurobɔ ho nhyehyɛe ahorow a ɛtwe adwene si TB, HIV, atiridii, ne nyarewa afoforo a wobesiw ano na wɔadi so no ho hia kɛse wɔ dwoa ano siw mu.[4][5] Wɔ tebea horow bi mu no, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ oprehyɛn na ama nsu a ɛwɔ ntini bi a atwe dwoa no afiri mu.

Ayaresa a wobetumi apaw ne nnuru a ekum ɔyare mmoawa, anaa nnuru a ekum fungal a wɔnom, wɔde fa ntini mu, anaasɛ wɔde wɔ nipadua no mu bɛboa ma wɔako ati dwoa.[5]

Sua pii

[sesa]

Beaɛ a menyaa mmoa fii

[sesa]
  1. Sally Robertson B.Sc (2017-01-08), What is Lymphadenopathy? (in English), retrieved 2024-06-20
  2. Saurabh Kumar Singh, Kamlesh Kumar Tiwari (2016), "Tuberculous lymphadenopathy: Experience from the referral center of Northern India", Nigerian Medical Journal : Journal of the Nigeria Medical Association, vol. 57, no. 2, pp. 134–138, doi:10.4103/0300-1652.182077, ISSN 0300-1652, PMC 4872492, PMID 27226690, retrieved 2024-06-20
  3. Science Direct (2002-01-01), Tuberculous Lymphadenitis
  4. 4.0 4.1 J.Hopkins Medicine, Lymphadenitis
  5. 5.0 5.1 Lymphadenitis - Health Encyclopedia - University of Rochester Medical Center, retrieved 2024-06-20