Svoboda | Graniru | BBC Russia | Golosameriki | Facebook
Jump to content

Dammɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
mania
psychopathological syndrome, symptom or sign
subclass ofmood disorder Sesa
health specialtypsychiatry, medical psychology Sesa
possible treatmentpsychotherapy Sesa
ICPC 2 IDP73 Sesa
opposite ofmental depression Sesa

Dammɔ (brɔfo kasa mu, Mania) yɛ adwenemyare a ɛma obi nya adwene, ahoɔden, ne dwumadi a ɛkɔ soro wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a ebetumi aka sɛnea obi tumi yɛ adwuma no kɛse[1][2].

Ghana no, nnipa pii nni nteteɛ papa wɔ dammɔ ho ne akwan a ɛfaso ba[3]. Ayare sa mu nteteɛ a nyɛ papa no nso ama dammɔ kɔ a na ɛrekɔ soro wɔ ɔman no mu. Sɛ yɛfa saa nnipa yi a, wɔn mu ɔha mu bkyekyɛm ebien pɛ na wɔtum nya ayaresa[3]. Afei nso beaɛ a ahorow bɛyɛ abiesa pɛ a ɛne Pantang, Nkran ne Ankaful na wɔtum sa dammɔ yareɛ yi.

Sɛnkyerɛnne[sesa]

Nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi anya dammɔ (adwenemhaw) no bi ne tebea a ɛwɔ soro (sɛ́ ɛyɛ anigye anaasɛ abufuw), nsusuwii ahorow a eyera ne kasa mu nhyɛso, ahoɔden a ɛkɔ soro, ne ɔpɛ a ɛso tew, ne nneɛma a wɔyɛ boro so[4]. Wɔda adi pefee kɛse wɔ tebea horow a ano yɛ den paa mu. Nanso, wɔ dammɔ a emu yɛ den mu no, saa sɛnkyerɛnne ahorow yi mu yɛ den nkakrankakra. Wɔ dammɔ a emu yɛ den mu no, ebia sɛnkyerɛnne afoforo bɛda adi, te sɛ adwenem naayɛ, nsusuwii hunu, nneyɛe mu mpaapaemune sɛnkyerɛnne ahorow[5].

Ma ɛde ba[sesa]

Dammɔ yɛ ɔyare a nneɛma pii betumi de ba[6]. Ɛwom sɛ yareɛ no mu dodow no ara ba nam adwenemhaw so de, nanso nneɛma afofor nso betumi ama obi bɔ dam, te sɛ aduruyɛ mu tebea horow a ɛkɔ so wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so, te sɛ sclerosis ahorow akyi; nnuru bi betumi ama dammɔ aba (prednisone); anaa nneɛma a wɔtaa de di dwuma ɔkwammɔne so, titiriw nnuru a ɛkanyan adwene te sɛ amphetamine ne tawanom (cocaine)[7][8].

Nsɔano[sesa]

Ansa na wobefi ase asa dammɔ no, ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye hwehwɛ nsonsonoe ahorow mu na ama wɔayi nneɛma a ɛto so abien tesɛ tawanom a ɛde ba no afi hɔ.

Ayaresa a wɔde sa dammɔ a ɛtaa ne adwenemhaw a ɛma obi yɛ ade tra so no hwehwɛ sɛ wɔde nnuru, ayaresa, ne asetra mu nsakrae a wɔaka abom. Wɔ Ghana no, wɔfa akwan ahodoɔ so di dammɔ ho dwuma, a ɔman ayaresabea, ankorankoro ayaresabea, ne ahyehyɛdeɛ a ɛnyɛ aban de (NGO) ka ho[3][9][10].

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Clevand Clinic, Mania
  2. mind, Hypomania and mania
  3. 3.0 3.1 3.2 Benedict Weobong, Irene Botchway (2023-03-06), Bipolar disorder is poorly understood in Ghana: knowing the facts can help prevent suffering (in American English), retrieved 2024-06-23
  4. How Do You Spot Signs of Bipolar Mania in Yourself and Others? (in English), retrieved 2024-06-23
  5. Symptoms - Bipolar disorder (in English), 2021-02-11, retrieved 2024-06-23
  6. Charles Krauthammer, Gerald L. Klerman (1978-11-01), "Secondary Mania: Manic Syndromes Associated With Antecedent Physical Illness or Drugs", Archives of General Psychiatry, vol. 35, no. 11, pp. 1333–1339, doi:10.1001/archpsyc.1978.01770350059005, ISSN 0003-990X, retrieved 2024-06-23
  7. Crack Cocaine Abuse and Bipolar Disorder (in American English), retrieved 2024-06-23
  8. W. Alexander Morton (1999-08-01), "Cocaine and Psychiatric Symptoms", Primary Care Companion to The Journal of Clinical Psychiatry, vol. 1, no. 4, pp. 109–113, ISSN 1523-5998, PMID 15014683, retrieved 2024-06-23
  9. BasicNeeds Ghana – Better Mental Health, Better Lives (in British English), 2021-05-21, retrieved 2024-06-23
  10. Abdul-Fatawu Issahaku (2017-11-08), Two NGOs helping to improve the mental health system (in American English), retrieved 2024-06-23