Svoboda | Graniru | BBC Russia | Golosameriki | Facebook
Jump to content

Etwerɛ

Ɛfi Wikipedia


Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
epilepsy
class of disease, dictionary page in Wikipedia
subclass ofencephalopathy, Nyarewa Sesa
has causeasphyxia neonatorum Sesa
has effectPostictal twilight state Sesa
studied inepileptology Sesa
health specialtyneurology, epileptology Sesa
ICPC 2 IDN88 Sesa
NCI Thesaurus IDC3020, C3020 Sesa

Ɛtwerɛ yɛ adwnene mu yadeɛ bi a obi wɔ bi na sɛ ɛba a, ne nipadua no popo dendenden a ɔntumi nyɛ ne ho hwee [1]. Ahopopoɔ no akyi ansa na n'ani aba ne ho so. Saa berɛ no, wɔn ano tumi twa ahuro. Mpɛn pii no, n'ani bɛba ne ho so no na wapira[2]. Nneɛma a ɛwɔ nnipa adwene mu no wɔ nkyekɛmu mmienu a baako wɔ nifa( right hemisphere ) na baako nso wɔ benkum( left hemisphere ). Nhoma a ɛka afa mmienu yi bɔ mu no din de corpus callosum. Biribi ho te kyema wɔ adwene no mu anaa nipadua no fa baabi a ɛne adwene no wɔ twaka ho te kyema a, saa nhoma yi a yɛrɛ wɔn corpus callosum yi keka bobom anaa wɔwosowoso. Saa tebea yi nya nsunsuansoɔ kɛseɛ wɔ nipadua no so. Esiane sɛ adwene no na ɛkyerɛ nipadua no nneyɔeɛ nti, deɛ ɛbɛkɔ so wɔ adwene no mu no na ɛkyerɛ nipadua no tebea. Sɛ nhoma no keka bobom saa a, nipadua no po gidigidi a obiara ntumi nsi ano kwan, gye sɛ adwene mu mu nhoma a ɛrekeka abobom no ano abrɛ ase ansa na ahopopoɔ no agyae. Sɛ ahopopoɔ no ba deɛ ɛdi kan a wɔfa no ade hunu bi. Wɔdwene sɛ ebia ɔbrɛ na ama aba no saa. Sɛ ɛtɔ so mmienu anaa deɛ ɛboro saa a,ɛhɔ na wɔhunu sɛ ɛyɛ ɛtwerɛ. Borɔfo din wɔde ɛtwerɛ yadeɛ ne 'epilepsy'[3].

Nsɛnkyerɛnne

[sesa]

Deɛ ɛbɛma woahunu sɛ obi wɔ ɛtwerɛ yi bi ne sɛ, ɛba pɛ, otwa whe fam. Ne ho woso a obiara ntumi nyɛ ho whee. Afei, n'ano nso twa ahuro[4].

Deɛ Ɛde ba

[sesa]

Ɛtwerɛ yɛ yadeɛ bi a wɔtumi de wo. Afei nso , ɛwom sɛ ɛnyɛ yadeɛ a  ɛsan deɛ, nanso obi tumi bɛnya no asase so[5] Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no afe mpem mmienu ne aduonu no kyerɛ sɛ, saa berɛ no, na wiase mu nnipa a wɔwɔ ɛtwerɛ yɛ ɔpepepem aduonum( 50 million ). Wɔn mu ɔha nkyekɛmu aduowɔtwe na wɔfiri aman a wɔnhyɛɛ da ntuu mpɔn mu[6].  Ɛwɔ afe 2015 mu no, nnipa mpem ɔha ne aduonum num na wɔnam ɛtwerɛ so hweree wɔn nkwa. Yɛde toto afe Apem Ahankron ne aduɔkron deɛ a na ɛyɛ mpem ɔha ne dummienu no ho a na kyerɛ sɛ akɔ n'anim. Ɛnnɛ yi, kɔ ara na saa tebea yi rekɔ n'anim [7] Awerɛhosɛm ne sɛ, mmɔfra ne mpanimfoɔ nyinaa tumi nya bi.

Deɛ Wɔde Wo

[sesa]

Nhwehwɛmu si no pi sɛ, wɔn a wɔde twerɛ woo wɔn no dɔɔso sene wɔn awɔbɛfaa no asase so[8]Yadeɛ no bi wɔ hɔ a ɛyɛ nneɛma nketenkete a ɛkeka bom ma nipa yɛ nipa no ho bi a ate kyema na ɛkɔfa ba. Awerɛho sɛm ne sɛ, ɛbinom wɔ hɔ a, yɛbɛwo wɔn no, na saa genes no ho ate kyema dada. Wɔn a wɔte saa no, ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔbɛtumi anya ɛtwerɛ, nkanka, sɛ genes no wɔ adwene no mu a[9] Sɛ ntaten  mu baako nya ɛtwerɛ a, deɛ ɔka ho no nso tumi nya bi. Nya a ɔbɛtumi anya bi no gyina ɔha nkyekyɛmu aduonum de rekɔ aduosia [10] Sɛ ntafoɔ no nyɛ ntaten anaa ntafoɔ a wɔsɛ na sɛ wɔn mu baako nya ɛtwerɛ, nya a ɔfoforɔ no bɛtumi anya bi bo gyina ɔha nkyekyɛmu du num pɛ[11]

Deɛ Wonya Wɔ Asase So

[sesa]

Yɛwɔ nyarewa bi wɔ hɔ a,  sɛ obi nya a ɛtumi kɔfa ɛtwerɛ ba. Ɛmu baako ne meningitis. Sɛ obi wɔ meningitis a, ɔtaa nya tipaeɛ, ne kɔn yɛ no titiritii, ɔfefe, afei ɛyɛ a ne ho yɛ mmerɛ. Nnipa a wɔwɔ ɛtwerɛ no mu ɔha nkyekyɛmdu wɔn twerɛ no ase meningitis.  Deɛ abemfo aka ne sɛ, saavawosoɔ yi a yɛaka ho asɛm yi, meningitis tumi de bi ba. Ɛba toatoa so mmienu anaa deɛ ɛboro saa pɛ, na ɛne adwene no afa. Afei nipa no wɔ ara pɛ,  na aba. Meningitis firi hɔ a nsonsono a yɛrɛ wɔn tapeworm no nso tumi de ɛtwerɛ ba[12]. Sɛ obi nso nya yadeɛ bi te sɛ adwene mu atiridii( cerebral malaria ) na ne ho tɔ no a, ɛno akyi ɔtumu nya ɛtwerɛ. Deɛ nti a ɛte saa no ne sɛ, saa tebea yi ma corpus callosum no ahoɔden kɔ fam. Na sɛ ɛkɔba no sɛ ɔntumi nyɛ n'adwuma yie a, ɛtwerɛ tumi ba[13]. Sɛ obi taa nom nsa a, ɛnyɛ nwanwa sɛ ɔbɛtumi anya ɛtwerɛ.  Ghana ha, ebinom gye di sɛ ɛtwerɛ yɛ ntɔyadeɛ. Kyerɛ sɛ honhom mɔ no, obi tumi ma obi yadeɛ no bi.

Nsunsuansoɔ

[sesa]

Nsunsuansoɔ a ɛtwerɛ de ba no yɛ bebree. Sɛ obi deɛ ba a mpɛn pii no, ɛbɛkɔ akɔtɔ no na wapira. Ɛyɛ nso a, wɔn a wɔwɔ bi no ne afoforɔ nkitahodie nkɔ yie. Sɛ wɔduru baabi a nnipa wɔ a na ɛtaa ba. Ne saa nti, wɔnka wɔn ho nkɔ nnipa mu. Ɛtumi ma obi hwere n'adwuma. Ɛbinom koraa fa so hwere wɔn nkwa. Ɛsiane sɛ ɛba a wɔntumi nyɛ wɔn ho hwee no nti, ɛba a wɔn nkwa da asan mu. Awerɛhosɛm baako nso ne sɛ, wɔn a wɔwɔ no,  sɛ wɔampɛ kwan bi amfa so adi ho dwuma, ɛtumi kɔwie adwenemuhaw( ɛdam).

Nsɔano

[sesa]

Ɛwom sɔ nnipa a wɔwɔ yadeɛ no bi no mu bebree deɛ yɛ koankorɔ deɛ, nanso, wɔwɔ kwan a wɔfa so di yadeɛ ne ho dwuma a, ɛmma wɔn a wɔwɔ bi no mpira[14]. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kɔ wɔn a wɔwɔ sa tebea no mu no ho yie pa ara. Sɛ obi nso wɔ bi a ɛsɛ sɛ wɔma no nnuro a ɛbɛbɔ ne ba no ho ban afiri saa yadewuo yi ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔwo no a, ɔno nso remmɛnya bi. Afei nso, ɛho hia pa ara sɛ yɛma wɔn a wɔwɔ bi no adidie ne wɔn nnuro nom ho hia yɛn pa ara. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daa wɔbɛnya apɔmuden. [15]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Robert S. Fisher, Carlos Acevedo, Alexis Arzimanoglou, Alicia Bogacz, J. Helen Cross, Christian E. Elger, Jerome Engel, Lars Forsgren, Jacqueline A. French, Mike Glynn, Dale C. Hesdorffer, B.I. Lee, Gary W. Mathern, Solomon L. Moshé, Emilio Perucca, Ingrid E. Scheffer, Torbjörn Tomson, Masako Watanabe, Samuel Wiebe (2014-04), "ILAE Official Report: A practical clinical definition of epilepsy", Epilepsia (in English), vol. 55, no. 4, pp. 475–482, doi:10.1111/epi.12550, ISSN 0013-9580, retrieved 2024-06-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Epilepsy (in English), retrieved 2024-06-13
  3. Epilepsy (in English), retrieved 2024-06-13
  4. Epilepsies: diagnosis and management | Guidance | NICE, 2012-01-11, retrieved 2024-06-13
  5. Epilepsy (in English), retrieved 2024-06-13
  6. Epilepsy (in English), retrieved 2024-06-13
  7. "Global, regional, and national age-sex specific all-cause and cause-specific mortality for 240 causes of death, 1990-2013: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2013", Lancet, vol. 385, no. 9963, pp. 117–171, 2015-01-10, doi:10.1016/S0140-6736(14)61682-2, ISSN 0140-6736, PMC 4340604, PMID 25530442, retrieved 2024-06-13
  8. Ortrud K. Steinlein (2008-03-31), "Genetics and epilepsy", Dialogues in Clinical Neuroscience (in English), vol. 10, no. 1, pp. 29–38, doi:10.31887/DCNS.2008.10.1/oksteinlein, ISSN 1958-5969, PMC 3181863, PMID 18472482, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: PMC format (link)
  9. Genomics and Clinical Medicine - Dhavendra Kumar, David Weatherall - Google Books, 2016-05-21, archived from the original on 2023-01-10, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  10. Ethan M. Goldberg, Douglas A. Coulter (2013-05), "Mechanisms of epileptogenesis: a convergence on neural circuit dysfunction", Nature reviews. Neuroscience, vol. 14, no. 5, pp. 337–349, doi:10.1038/nrn3482, ISSN 1471-003X, PMC 3982383, PMID 23595016, retrieved 2024-06-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  11. Ethan M. Goldberg, Douglas A. Coulter (2013-05), "Mechanisms of epileptogenesis: a convergence on neural circuit dysfunction", Nature reviews. Neuroscience, vol. 14, no. 5, pp. 337–349, doi:10.1038/nrn3482, ISSN 1471-003X, PMC 3982383, PMID 23595016, retrieved 2024-06-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  12. Genomics and Clinical Medicine - Dhavendra Kumar, David Weatherall - Google Books, 2016-05-21, archived from the original on 2023-01-10, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  13. Genomics and Clinical Medicine - Dhavendra Kumar, David Weatherall - Google Books, 2016-05-21, archived from the original on 2023-01-10, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  14. Mervyn J Eadie (2012-12), "Shortcomings in the current treatment of epilepsy", Expert Review of Neurotherapeutics (in English), vol. 12, no. 12, pp. 1419–1427, doi:10.1586/ern.12.129, ISSN 1473-7175, retrieved 2024-06-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  15. Epilepsies: diagnosis and management | Guidance | NICE, 2012-01-11, retrieved 2024-06-13